Exodus 29

Asɔfohyɛ

1“Ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so hyɛ Aaron ne ne mma asɔfo ni: Momfa nantwi ba ne adwennini abien a wɔn ho nni dɛm. 2Na momfa esiam muhumuhu a mmɔkaw nni mu nyɛ brodo a ɛyɛ dɛ ne tetare a wɔde ngo afra ne ɔfam a wɔde ngo agu so. 3Fa brodo no gu kɛntɛn mu na fa nantwi ba no ne odwennini no ka ho bra Ahyiae Ntamadan no ano. 4Momfa Aaron ne ne mmabarima no mmra Ahyiae Ntamadan no kwan ano hɔ, na momfa nsu nguare wɔn. 5Momfa Aaron atade yuu no nhyɛ no. Monhyɛ no atade kɔnsin no, nʼasɔfotade no ne adɛbo no ne nkyekyeremu no, 6na momfa abotiri a sikakɔkɔɔ bobɔ mu no mmɔ no. 7Momfa ɔsrango no na munhwie ngu ne ti so. 8Ne mmabarima no nso, momfa wɔn ntade yuu no nhyehyɛ wɔn. 9Momfa wɔn nkyekyeremu no nka wɔn ho. Saa kwan yi so na momfa nhyɛ Aaron ne ne mma ne wɔn asefo mma wɔnyɛ asɔfo daa nyinaa.

10“Mode nantwi ba no bɛba Ahyiae Ntamadan no anim na Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa agu aboa no apampam. 11Munkum no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. 12Momfa ne mogya nsrasra mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no so. Momfa mo nsateaa na ɛnyɛ, na munhwie mogya a ɛbɛka no ngu afɔremuka no ase. 13Munyi ne mu srade no ne ne bɔnwoma kotoku no ne ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ ho no na monhyew no wɔ afɔremuka no so. 14Mmom momfa aboa no ne ne were ne nʼagyanan no mfi hɔ nkɔ afikyiri na monkɔhyew no sɛ bɔne ho afɔrebɔ.

15“Sɛ wɔrebekum adwennini no nso a, Aaron ne ne mmabarima no mfa wɔn nsa ngu aboa no baako apampam 16na wonkum no. Wɔnsɔw ne mogya no na wɔmfa mpete afɔremuka no ho nyinaa. 17Twitwa odwennini no asinasin na hohoro nʼayamde no mu ne nʼanan no ho; fa ne ti no ne nea moatwitwa no gu faako 18na monhyew no wɔ afɔremuka no so; ɛyɛ ɔhyew afɔre a ɛsɔ Awurade ani.

19“Momfa odwennini a aka no na Aaron ne ne mmabarima mfa wɔn nsa ngu nʼapampam, 20Munkum no na monsɔw mogya no bi na momfa ketewaa bi nsosɔ Aaron ne ne mmabarima no aso nifa, wɔn kokurobeti nifa ne wɔn anan nifa kokurobeti so. Afei mompete nkae no ngu afɔremuka no ho nyinaa. 21Montworɔw mogya a ɛwɔ afɔremuka no so no bi na momfa mfra ɔsrango na momfa mpete Aaron ne ne mmabarima no so ne wɔn ntade mu. Ɛnam saa so bɛma wɔn ne wɔn ntade ho atew wɔ Awurade anim.

22“Momfa odwennini no srade ne ne dua ne ne mu srade ne ne bɔnwoma kotoku ne nʼasaabo abien ne ɛho srade ne ne srɛ nifa. Eyi ne odwennini a wɔde bɛhyɛ Aaron ne ne mmabarima asɔfo no. 23Momfa brodo mua baako ne tetare a wɔde ɔsrango afra, na munyi ɔfam baako mfi kɛntɛn a wɔde brodo a mmɔkaw nni mu agu mu a wɔde asi Awurade anim no mu. 24Momfa eyinom nhyɛ Aaron ne ne mmabarima nsam na wɔmfa nkyerɛ sɛ afɔrebɔde mma Awurade. 25Ɛno akyi no, munnye mfi wɔn nsam na monhyew no wɔ afɔremuka no so sɛ ohuam afɔre mma no. 26Momfa Aaron asɔfohyɛguan no yan no a munhim wɔ Awurade anim sɛ ohim afɔrebɔ, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa.

27“Montew asɔfohyɛ dwennini no akwaa, ne koko a wohimii ne ne srɛ a wɔde mae a ɛyɛ Aaron ne ne mmabarima de no ho. 28Ɛsɛ sɛ eyi yɛ Israelfo asɛde sɛ wɔbɛyɛ ama Aaron ne ne mmabarima. Ɛyɛ Israelfo no fam asomdwoe afɔre a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Awurade.

29“Aaron ntade kronkron yi bɛyɛ nʼasefo de na wɔatumi ahyɛ ama wɔasra wɔn ngo ahyɛ wɔn asɔfo. 30Ɔsɔfopanyin biara a obedi Aaron ade no bɛhyɛ saa ntade yi nnanson ansa na wafi nʼasɔfodwuma ase wɔ Ahyiae Ntamadan no mu ne kronkronbea hɔ.

31“Fa odwennini no nam a wɔatew ho no ne odwennini nam a wɔde hyɛɛ ɔsɔfo no na monnoa no wɔ baabi a ɛhɔ tew. 32Aaron ne ne mmabarima bedi brodo a ɛwɔ kɛntɛn no mu no, na wɔde nam no abɔ so wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. 33Wɔn nko ara na wɔbɛwe nam no adi nnuan a wɔde tew wɔn ho no. Nnipa a wɔmfra asɔfo abusua no mu no renni bi, efisɛ wɔatew ho. 34Sɛ ade kye asɔfohyɛ dwennini anaa brodo no bi so a, monhyew. Ɛnsɛ sɛ wodi, efisɛ ɛyɛ kronkron.

35“Eyi ne ɔkwan a momfa so nhyɛ Aaron ne ne mmabarima no asɔfo. Nnanson na wɔmfa nni saa asɔfohyɛ no ho dwuma. 36Da biara, mode nantwi ba bɛbɔ afɔre de adwira mo ho. Ɛno akyi no, mompra afɔremuka no ho bɔne nyinaa na monyɛ no kronkron na monhwie ngo ngu so mfa ntew ho. 37Montew afɔremuka no ho na daa monyɛ no kronkron saa ara nnanson mma Onyankopɔn. Ɛno akyi no, afɔremuka no ho bɛtew yiye sɛnea biribiara a wɔde bɛka no no bɛyɛ Onyankopɔn dea.

38“Da biara, momfa nguanten mma abien a wɔadi afe mmɔ afɔre wɔ afɔremuka no so. 39Momfa oguamma no baako mmɔ afɔre no anɔpa na momfa baako nso mmɔ afɔre anwummere. 40Afɔrebɔ a edi kan no, momfa asikresiam lita abien ne fa a wɔayam no muhumuhu mfra ngo a wɔakyi afi ngodua mu lita baako; saa ara na momfa bobesa lita baako nyɛ ahwiesa. 41Momfa oguan no baako a waka no mmɔ anwummere afɔre a asikresiam ne nsa ka ho te sɛ anɔpa de no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyew afɔrehuam ama Awurade.

42“Saa afɔrebɔ yi bɛkɔ so da biara wɔ Ahyiae Ntamadan no pon ano wɔ Awurade anim. Ɛhɔ na mehyia mo ne mo akasa. 43Na mehyia Israelmma wɔ hɔ na mʼanuonyam atew Ahyiae Ntamadan no ho.

44“Ampa ara, mɛtew Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ho ne Aaron ne ne mmabarima a wɔyɛ mʼasɔfo no ho. 45Na mɛtena Israelfo mu na mayɛ wɔn Nyankopɔn, 46na wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn. Mede wɔn fi Misraim bae sɛnea ɛbɛyɛ a, mɛtena wɔn mu. Mene Awurade wɔn Nyankopɔn.
Copyright information for TwiAKNA